Create New Playlist

Add a cover pic of your own choice

(Optional)

Name

AI Cover Generator

4 credits

Not enough credits (0/4).

Logout

Are you sure you want to Logout?

Close

Monhwɛ Mo Adaagyeɛ Yie 2 by Afoakwa

SongGPT
Monhwɛ Mo Adaagyeɛ Yie 2 by Afoakwa - R&B,both vocals music cover art

Monhwɛ Mo Adaagyeɛ Yie 2

R&B,both vocals

0:003:22
Lyrics
Description
Monhwɛ mo adaagyeɛ yie
Na monhwɛ mo Nyame nso som yie.
Ɔtamfo Abonsam no ɔne nam,
Ɔnam wiase yi mu, abɔne Agya ne no.
Ɔbobom denden sɛ gyata,
Na ɔpɛ deɛ obetumi aseɛ no.
Mo nyina pintin, na mma mo nsuro,
Momfa mo ho to Awurade so daa.
Momfa mpaebɔ, akomkyere ne
Onyankopɔn Asɛm nsi no kwan.
Ɔbɛdwane afi mo ho –
Yesu adi nkonim ama yɛn!
Mo nyinaa pintin, na monhwɛ yie,
Na ɔde monkwa ahinta wɔ Kristo mu
Moma mo ani da hɔ daa,
Na munhwɛ nea ɔbɛba bio.
Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no,
Ɔnhwɛ yie na wanhwe ase.
Munnye nokware nkyerɛkyerɛ so,
Na momfa mo gyidi nsi pintinn!
ɔtamfo no ahoɔden deɛ esua
Yɛwɔ Tumi wɔ Yesu din mu!
Ɔno ne yɛn guankɔbea,
Wa gye nkonim afi ɔbonsam nsa mu ama yɛn!
Mo nyina pintin, na mma mo nsuro,
Momfa mo ho to Awurade so daa.
Momfa mpaebɔ, akomkyere ne
Onyankopɔn Asɛm nsi no kwan.
Ɔbɛdwane afi mo ho –
Yesu adi nkonim ama yɛn!
Mo nyinaa pintin, na monhwɛ yie,
Na ɔde monkwa ahinta wɔ Kristo mu
Mo nna ndahɔɔ wɔ Nyame mu
Na monnsie mo ho mma abɔnefoɔ
Moma mo abrabɔ nyɛ kronkron daa
Na montena gyidi mu pintinn.
Ɔsoro agyapadeɛ retwɛn mo,
Mo adi nkonim wɔ Awurade mu!
Mo nyina pintin, na mma mo nsuro,
Momfa mo ho to Awurade so daa.
Momfa mpaebɔ, akomkyere ne
Onyankopɔn Asɛm nsi no kwan.
Ɔbɛdwane afi mo ho –
Yesu adi nkonim ama yɛn!
Mo nyinaa pintin, na monhwɛ yie,
Na ɔde monkwa ahinta wɔ Kristo mu