Create New Playlist

Add a cover pic of your own choice

(Optional)

Name

AI Cover Generator

4 credits

Not enough credits (0/4).

Logout

Are you sure you want to Logout?

Close

Divine Strength 2 by Afoakwa

SongGPT
Divine Strength 2 by Afoakwa - R&B,both vocals music cover art

Divine Strength 2

R&B,both vocals

0:003:05
Lyrics
Description
[Verse 1]
Ɔkwadwofoɔ, kɔ ntateɛ nkyɛn
Nsua n'akwan na hunu nyansa
Ɔno na onni otitire anaa sodifoɔ
Nanso ɔyɛ n'adwuma ntɛm so
Sɔre fi wo kɛtɛ so, na yɛ biribi
Wo nna dodo nti, w'abɛyɛ ohiani
Akwadworɔ de ohia, ɛde animguase nso ba
Mpanin se: ohia yɛya kyɛn kwata
[Chorus]
Onyame de da foforɔ ama wo
Woama wo ahoden a wo de yɛ biribi pa
Sɔre firi wokɛtɛ so, na kɔyɛ adwuma
Wopɛ anigyedeɛ nanso wompɛ adwuma yɔ
Keka wo ho, na hyɛ wo den
Na wo nnwumapa ne wo mmɔden
bɛso abapa ama wo ayɛ onipa kɛseɛ
Onyankopɔn bedi wo w'akyi daa nyinaa
[Verse 2]
Ohiani biara nni adamfoɔ
Asɛm bɛba bɛto no, na w'ayɛ mmɔbɔ
Ɔpɛ boafo, nanso onipa biara
Mmpɛ sɛ ɔbɛyɛ no mmoa
Onua, sesa w’adwene yie
Na pɛ adwuma pa bi yɛ
Ɛyɛ nokorɛ, ɛnyɛ sɛ atɛm die
Na w’adwumaden bɛyɛ wo mfasoɔ
[Chorus]
Onyame de da foforɔ ama wo
Woama wo ahoden a wo de yɛ biribi pa
Sɔre firi wokɛtɛ so, na kɔyɛ adwuma
Wopɛ anigyedeɛ nanso wompɛ adwuma yɔ
Keka wo ho, na hyɛ wo den
Na wo nnwumapa ne wo mmɔden
bɛso abapa ama wo ayɛ onipa kɛseɛ
Onyankopɔn bedi wo w'akyi daa nyinaa
Bridge –
Sɛ wokɔ so da a, na abrabɔ bɛyɛ den ama wo
Nanso Onyame frɛ wo sɔre ntɛm so
Tie wo bɔfo asɛm , ansa na dabɔne no aba
Ɛnsɛ sɛ wotwɛn da foforɔ bi
[Chorus]
Onyame de da foforɔ ama wo
Woama wo ahoden a wo de yɛ biribi pa
Sɔre firi wokɛtɛ so, na kɔyɛ adwuma
Wopɛ anigyedeɛ nanso wompɛ adwuma yɔ
Keka wo ho, na hyɛ wo den
Na wo nnwumapa ne wo mmɔden
bɛso abapa ama wo ayɛ onipa kɛseɛ
Onyankopɔn bedi wo w'akyi daa nyinaa
Verse 3:
Nipa huhuo ne barima a ɔde ne tɛkrẹma ka atorɔsɛm
Ɔbubu n’ani, ɔde n’anammɔn yɛ bɔne
Ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ
Ne koma yɛ ndaadaa, ɔpam ne ho fi nokware
Nti mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba ne so
Ɛno na ɛbẹma ohia ato ahɛm neso sɛ ɔkwamukafoɔ
Na ahokyerẹ ato ahyɛ wo so sɛdeɛ okura etuo.
Final Chorus:
Onyame de da foforɔ ama wo
Woama wo ahoden a wo de yɛ biribi pa
Sɔre firi wokɛtẹ so, na kɔyɛ adwuma
Wopɛ anigyedeɛ nanso wompɛ adwuma yɔ
Keka wo ho, na hyəwo den
Na wo nnwumapa ne wo mmɔden
bəsо abapa ama wo ayə onipa kεseε
Onyankopɔn bedi wɔ w'akyi daa nyinaa